Exodus 26:31-35

31“Fa ntama tuntum, koogyan bibiri, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamtam a wɔanwen kerubim sɛso agu mu no. 32Fa sɛn ɔkanto nnua fadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsusomu anan suso ano no so. Ma ɔfadum anan no mu biara nsi dwetɛ nnyinaso anan no baako so. 33Fa ntwamtam no sensɛn nsusomu no so na fa twa ɔdan no mu. Fa adaka a ɔbo a wɔakyerɛw Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntama ntwamu no akyi. Ntama ntwamu no betwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam. 34Afei, fa adaka no mmuaso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ. 35Fa ɔpon no ne kaneadua no twa dan no mu wɔ ntwamtam no akyi. Kaneadua no besi kronkronbea no anafo, na ɔpon no asi nʼatifi.

Copyright information for TwiAKNA